Hymn 87 of 316

Yehowa Ne M’abankεse

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Yehowa ne m’abankεse Ne nkutoo na metwere no Mεtena w’asɔrefi kronkron mu Ayi wo Yehowa din ayε Wo tenabea hɔ yε fε dεn’ra Hɔ na menya wo nsam nhyira
2
Wonnya mfii wiase ase no Na wofi tete yε Awurade Mεtwere tete Nyankopɔn no Mede me ho mεto no so Wo tenabea hε yε fε ampa Hε na menya wo nsam nyhira
3
Dεn na mede mεto wo ho Onyankopɔn wofi tete Tetefo a wɔne wo nantewee Huu wo Yehowa nkwagye basa; Yεne wo bεnantew nnε nso Na yεanya wo nsam nhyira no
4
Soro ne asase betwam akɔ Wo nsεm de εrenntwa mu da Mεtena wo nan ase hɔ daa Atie wanidaso nsεmpa no Mεhwε Onyankopɔn anim Na manya ne nsam nhyira no bi

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 87 (Yehowa Ne M’abankεse) or copy the full lyrics.