Hymn 69: Sε Yehowa Ma Ne Nsa So
Hymn 69 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).
Verses
Verse 1
Sε Yehowa ma ne nsa so Rebegye wɔn a w’apon wɔn Nasε tumi sɔre a Ne tumi no bεda adi Enti momma yenyε komm nhwε Na Yehowa bεkasa da no
Verse 2
Yetweri bontantim a εmmpɔne, Enti momma yεnni n’akyi Momma yεnyε komm nni n’akyi, Na ne bɔhyε yε nokware Momma yεnyε komm nhwε Na Yehowa bεkasa da no
Verse 3
Yehowa tumi no wɔ hɔ Enti dεn na yεbesuro? Ne kasa yε tumi kεse; Tumi a εwɔ hɔ daa Enti momma yenyε komm nhwε Na Yehowa bεkasa da no
Verse 4
Sε ɔkasa wɔ ɔsoro a Asase woso wɔ n’anim Ɛma soro abɔfo so Kamfo ne tumi kεse no; Enti momma yenyε komm nhwε Na Yehowa bεkasa da no
Verse 5
Yehowa de ne basa no, Rebrε nneεma nyinaa ase Atumfo no bεbɔ mmɔden Sε wɔbεguan afi n’anim; Onipa koma betu de Na Yehowa bεkasa da no