Hymn 70 of 316

Wɔn A Wosuro Onyankopɔn No

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Wɔn a wosuro Onyankopɔn no Nka ne neyεe pa nkyerε wiase Kristo mma ne din kronkron so Na Onyankopɔn yε Otumfo ampa
2
Onyankopɔn ahu wiase mmɔbɔ De ɔgye nam Kristo so aba; Wama nnebɔneyεfo so nyinaa Ahu sε ɔyε Otumfo ampa
3
Yεn nkwagye Nyankopɔn bεdom yεn Na ekyinngyefo ahu sε wo ne yεn te; Ma wo basa so na frε wo mma; Onyankopɔn wo na yεhwε wo kwan
4
Onyankopɔn da wo tumi adi Wo nkutoo na yenim sε wowɔ nkwa Fa nnomumfo nyinaa bra wo nkyεn Na yεbεkamfo wo din no daa
5
Anuonyam nka Onyankopɔn Kristo n’agya a ɔte soro no; Ne tumi a ɔde agye yεn nti Yebehyira no wɔ n’asafo mu

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 70 (Wɔn A Wosuro Onyankopɔn No) or copy the full lyrics.