Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 66 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Onyankopɔn, Me Botantim
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn, me botantim
Fa wo tumi no kora me so
Onyankopɔn, me botantim
Fa wo ntaban kata me so
Onyankopɔn, me botantim
Onim me din nti mennsuro bɔne bi
2
Onyankopɔn, me botantim
Tumi bi ntesε wo tumi
Onyankopɔn, me botantim
Wo wɔ tumi, wo ne tumi
Onyankopɔn, me botantim
Wo din nti mennsuro bɔne bi
3
Onyankopɔn, me botantim
Wo nkutoo na metwere wo
Onyankopɔn, me botantim
Mede me ho meto wo so
Onyankopɔn, me botantim
W’asεm nti m’ani da wo so
4
Onyankopɔn, me botantim
Metwere wo tumi basa
Onyankopɔn, me botantim
W’asεm tumi te saa daa
Onyankopɔn, me botantim
Fa wo tumi no kyerε me kwan
5
Onyankopɔn, me botantim
Wiase gyina wo tumi so
Onyankopɔn, me botantim
Gyedifo twere wo tumi no
Onyankopɔn, me botantim
Ɔhwε ahotewfo kra so
6
Onyankopɔn, me botantim
W’asεm kronkron no yε tumi
Onyankopɔn, me botantim
Gyedifo gye wo nsεmpa di
Onyankopɔn, me botantim
Wo tumi nti wiase rennhim
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 66 (Onyankopɔn, Me Botantim) or copy the full lyrics.