Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 43 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Onyankopɔn Akyekye Yεn Werε
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn akyekye yεn werε
Wama yεahu ne kwan pa no
Ɔde n'asem ayε kwankyerε
Ne tempɔn ama yεn kra
Monto ayεyi nwom, monyi no ayε
Na wadi ne bɔhyε no so
2
Onyankopɔn de n'asεmpa no
Atu yεn koma mu suro;
Ɔno ne yεn hann ne nkwagye
Hena anim na yεn ho mpopo?
Monto ayεyi dwom, monyi no ayε
Efisε ɔne yεn wɔ hɔ
3
Onyankopɔn yε ɔteasefo
Enti ne nnwuma te saa daa
Da bi ɔbεma yεn nipadua
Asakra ayε sε ɔno;
Monto ayεyi dwom, monyi no ayε
Efisε ne bɔhyε nyε kwa
4
Onyankopɔn yε Otumfo enti
Abɔde nyinaa nsɔre no;
Tεkrεma nyinaa mpaem nka sε
Yehowa ne Onyankopɔn
Monto ayεyi dwom, monyi no ayε
Na ne din kronkron ama so
5
Onyankopɔn na tetefo no
Frεε no wɔ hia da mu daa;
Ɔde ɔgye abrε yεn nso nnε
De akyerε ne nokware;
Monto ayεyi dwom, monyi no ayε
Na ne nkwagye basa wɔ hɔ
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 43 (Onyankopɔn Akyekye Yεn Werε) or copy the full lyrics.