Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 42 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Onyankopɔn Ahengua No Yε Kronkron
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Onyankopɔn ahengua no yε kronkron
Ahotewfo kronkron atwa ho ahyia
Wɔto nnwom kronkron ma Onyankopɔn daa
Wɔkoto sɔre nea ɔtease no
Otumfo Onyankopɔn wo yε kronkron
Yεbε bɔ ayεyi afɔre ama wo
2
Otumfo Nyankopɔn din no yε kronkron
Ahotewfo to nnwom wɔ ne kronkronbea
Soro ne asase mfa ayεyi nnwom
Mma nea ɔte ase a onwu da no
Israel Nyankopɔn a otim hɔ daa no
Ne din kronkron nnwom na yεbεto daa
3
Nhyira ne ɔteasefo Nyankopɔn
Ne nkutoo na ahotewfo hyira ne din
Kronkron ne Otumfo a ɔte ase
Nea gyedifo tweri no a wɔmpɔn nhwe
Momma yemfa ayεyi nnwom nhyira no
ɔso,ɔkorɔn,nti momma ne din so
4
Onyankopɔn ama wo din ama so
Enti na Israel anya anigye
Mogya adansefo nso di adanse
Sε wo na wowɔ tumi basa kronkron
Wobεma Israel anya abotɔyam
Aseda nka wo din wɔ wo kronkronbea
5
Wo na anuonyam atwa wo ho ahyia
Enti ahotewfo mpo ntumi nhwε wo
Ateasefo baanan no sɔre wo daa
Hyira wo sε kronkron ne Nyankopɔn
Nea ɔwɔ hɔ nnε ne daa na ɔtease
Nidi ne aseda nka wo din kronkron
6
Otumfo Nyankopɔn, hena na ɔne wo sε?
Wo nnwuma du adanse sε wowɔ tumi
Wo tumi wɔ sore ne asase so
Epo ne mmepɔw nso kyerε wo tumi
Kerubim ne Serafim to ho dwom daa
ɔsoro Nyankopɔn wo yε kronkron
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 42 (Onyankopɔn Ahengua No Yε Kronkron) or copy the full lyrics.