Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 2 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Anuonyam Nka Onyankopↄn
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Anuonyam nka Onyankopɔn,
Ne din kronkron no ama so;
Momma yεmmɔm nkamfo No daa
Na Onyankopɔn yε kronkron.
2
Anuonyam nka Onyankopɔn
Momma yεmfa ayεyi nwom
Nkamfo Otumfo Nyankopɔn
Na Onyankopɔn yε kronkron.
3
Anuonyam nka Onyankopɔn
Mehyira ne din kronkron no;
Ahotefo mma ne din so,
Na Onyankopɔn yε kronkron.
4
Anuonyam nka Onyankopɔn
Ade nyinaa so tumfo no;
Soro ne asase nyi n’ayε
Na Onyankopɔn yε kronkron.
5
Anuonyam nka Onyankopɔn
Ne din kronkron no wɔ hɔ daa;
Awo ntoatoaso nhyira no;
Na Onyankopɔn yε kronkron.
6
Anuonyam nka Onyankopɔn,
Aman mmusuaku mmɔ ne din;
Tumi abran nhyε no anuonyam
Na Onyankopɔn yε kronkron.
7
Kronkron Kronkron ne Awurade,
Abɔde nyinaa nkorɔn ne din;
Gyedifo nyinaa nhyira no,
Na Onyankopɔn yε kronkron.
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 2 (Anuonyam Nka Onyankopↄn) or copy the full lyrics.