Hymn 3 of 316

Anuonyam Nka Onyankopↄn

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Anuonyam nka Onyankopɔn Ne din kronkron no ama so ’Soro abɔfo de nnwomto Kamfo ne din kronkron no Anuonyam nka Onyankopɔn Ɔteasefo kronkron no.
2
Anuonyam nka Onyankopɔn Wɔ soro kurow kronkron no mu Anuonynam nka Onyankopɔn Wɔ gyedifo asafo mu Anuonyam nka Onyankopɔn Ɔdomankoma Nyankopon
3
Anuonyam nka Onyankopɔn Ne nkotoo na ɔyε kronkron ’Soro ne asase tumfo Ne tumi agye yεn nkwa Anuonyam nka Onyankopɔn Ayεyi nka ne din daa.
4
Anuonyam nka Onyankopɔn Wɔ n’asɔrefi kronkron mu Anuonyam nka Onyankopɔn Tete beme Nyankopɔn Anuonyam nka Onyankopɔn Nyame baasa koro no.
5
Anuonyam nka Onyankopɔn Mogya adansefo Nyankopɔn Anuonyam nka Onyankopɔn Wiase atumfo Wura Anuonyam nka Onyankopɔn Ɔno na wagye yεn nkwa.
6
Anuonyam nka Onyankopɔn Wɔ soro ne asase so Anuonyam nka Onyankopɔn Nidi ne nhyira yε ne dea Anuonyam nka Onyankopɔn Yεn botantim Nyankopɔn
7
Anuonyam nka Onyankopɔn Ɔba ne Honhom Kronkron no Anuonyam nka Onyankopɔn Otweaduampɔn Nyankopɔn Anuonyam nka Onyankopɔn Wɔ gyedifo asafo mu

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 3 (Anuonyam Nka Onyankopↄn) or copy the full lyrics.