Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 6 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Hena Na Ɔne Me Bɛkamfo Yehowa Kɛse Yɛ
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Momma nea εhome nyinaa nyi na’yε
Otweaduampɔn Nyame sε ayεyi
Momma soro ne asase mmom nto dwom yi sε
Yehowa, wo ne Onyankopɔn
1
Hena na ɔne me bεkamfo Yehowa kεse yε.
Nea ne trabea wɔ soro hɔ no?
Ahotefo momma mo nsa
Kronkron no so
Mfa ayεyi nnwom mma Yehowa
2
Meremmua m’ano, mεbɔ Yehowa din daa
Efisε W’ayε ade nyinaa yie
W’apopa me din afi owu nwoma no mu
Wakyerεw no foforo wɔ nkwa
Nwoma no mu
3
Mommɔ dawuru na mommɔ mpintin na monteεm sε
Yehowa wo ne Onyankopɔn
Asase so ntakrammoa ne
Nweaweammoa nyinaa
Mfa ayεyi nnwom mma Onayankopɔn
4
Atumfo bom tu agyina tia Nayame gan no
Nea w’asra no ne Yesu Kristo
Wɔn agyinatu howrow no nyinaa
Bεyε kwa
Sε Kristo yi ne ho adi a.
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 6 (Hena Na Ɔne Me Bɛkamfo Yehowa Kɛse Yɛ) or copy the full lyrics.