Hymn 7 of 316

Hena Na Wahu Onyankopↄn

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Hena na wahu Onyankopɔn Na dεn na wode bεsusu no? Soro abɔfo yi n’ayε Nanso wontumi nhwε n’anim Ɔhyerεn wɔ soro kurow no mu, Ɔyε anuonyam Nyankopɔn.
2
Onyankopɔn anuonyam no wɔ Ɛpo ne asu akεse so; Mepɔw so srɔnsrɔn nso kyerε N’anuonyam a εwɔ hɔ daa; Ano ntumi nkyerε sεnea ɔte Ɔyε anuonyam Nyankopɔn
3
Asu a εworo ka n’anuonyam Na wɔntumi nkerε sεnea ɔte; Ntakraboa to no dwom daa, Nanso wɔnkyerε n’anuonyam Soro abɔfo ntumi nkyerε Ɔye anuonyam Nyankopɔn
4
Onyankopɔn anuonyam wɔ he? N’ankasa ne anuonyam no; Ɔno na ani nnhunu no da; Mframa yε ne teaseεnam, Hena bεma no anuonyam Ɔye anuonyam Nyankopɔn
5
Suban bεn na wode bεsusu Saa anuonyam Nyankopɔn yi Ne trabea wɔ ne kronkron bea Nanso ani ntumi nhu no; Nea ne nko wɔ hɔ na ɔwɔ hɔ, Ɔyε anuonyam Nyankopɔn
6
Owia, Ɔsram ne Nsoromma Ntumi nkyerε n’anuonyam no Kristo kyerεε n’anuonyam no bi Na abɔfo bεsɔre no; Ɔno ne daa anuonyam no Ɔyε anuonyam Nyankopɔn.

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 7 (Hena Na Wahu Onyankopↄn) or copy the full lyrics.