Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 8 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Ma Asasesofo Nsuro Yehowa
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Ma asasesofo nsuro Yehowa,
Wɔn a wɔte wiase nyinaa mfεre no
Monkoron Onayankopon wɔ ne fi daa,
Mommɔ ne din, monhyira no,
Monyi no ayε.
2
Momfa nwom to nyi Yehowa din ayε,
Momfa sanku nto dwom nyi ne din ayε,
Monto dwom na mommɔ ose mma no daa,
Mommɔ ne din, monhyira no,
Monyi no ayε
3
Mo ne me nkamfo Yehowa keseyε
Momma yemmom nkamfo ne din kese no
Monhyε ne din kronkron no anuonyam daa,
Mommɔ ne din, monhyira no,
Monyi no ayε.
4
Momma yεmfa nnwom to nkɔ Yehowa fi daa
Momma yεnkamfo no wɔ ne kronkron bea
Monto dwom na monteam sε, Ɔye kronkron
Mommɔ ne din, monhyira no
Monyi no ayε
5
Mo aponkεse nyinaa, momma mo ti so,
Mo nterε mo ho mu na
anuonyam hene nhyεn mu,
Na hena ne saa anuonyam hene kεse yi?
Asafo Yehowa ne anuonyam hene.
6
Ɔsoro ne asase nhyira Yehowa,
Momma nea εhome nso nyi no aye,
Mogya adansefo mmom nto dwom yi sε,
Kronkron ne Asafo Yehowa daa daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 8 (Ma Asasesofo Nsuro Yehowa) or copy the full lyrics.