Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 5 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Hena Na Ɔtesε Yehowa?
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Hena na ɔtesε Yehowa?
Nea ofi tete yε Awurade
Ne mfiase ne n’awiei
Onipa biara ntumi nhu
Mo nyinaa monyε komm
Na Onyankopɔn rekasa
2
Tete beme Awurade ne wo
Ɔdomankoma a onni awiei
So anyame a wɔnkasa
De wɔn ho bεto wo ho?
Mo anyame, monyε komm
Na Onyankopɔn rekasa
3
Ɔsoro ne asase ntie
Na Onyankopɔn rekasa
Anyame nyinaa nyε komm
Na Yehowa wɔ n’asɔrefi
Atumfo nyinaa nyε komm
Na Onyankopɔn rekasa
4
Gyedifo nyinaa hwε wo kwan
Otumfo, da wo ho adi
Wiase yi nyinaa agyigya
Owu mframa rebɔ dennen
Ma atumfo nyinaa nhu sε
Wo tumi boro wɔn tumi so.
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 5 (Hena Na Ɔtesε Yehowa?) or copy the full lyrics.