Hymn 9 of 316

Mede Nwonto Mehyira Wo

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Mede nwonto mehyira wo Onyankopɔn kronkron Efisε w’ama wo ho so De ogye abrε yεn Yehowa mehyira wo din Wɔ w’asafo mu daa
2
Mede me koma bεto dwom Me kra bεhyira wo Nipa ne me, na wo kae me Ama madi yiye Mεbɔ afɔre wɔ wo fi Ahyε wo anuonyam
3
Me werε remfi w’adɔe Nea Isreal hui no Wo tumi a adi wɔn kan Kyerε wɔn kwan pa no Woyε tete Onyankopɔn W’ayeyi rennsa da
4
Mede me ho bεto wo so Na manya wo nhyira Mede wo bεyε me botan Na wo adom agye me Onyankpon, wo nsakra da; Bεgye w’aseda
5
Yehowa, tew w’anim kyerε me Na ma me asomdwoe Ma wo nhyira no mmra me so Na mεbɔ wo din daa Woyε Onyankopɔn domfo Enti mehyira wo.

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 9 (Mede Nwonto Mehyira Wo) or copy the full lyrics.