Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 10 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Me Kra Yi Awurade Ayε
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Me kra yi Awurade ayε
Me mu ade nyi n’ayε;
Me kra yi Awurade ayε
Efisε ɔno ne wo kyεm;
Ma ne din kronkron no so daa,
Bɔ ne din daa na yi n’ayε.
2
Me kra yi Awurade ayε
Fa ahurusi nnwom yi no ayε;
N’adom kεse nti yi no ayε
Tena ne fi daa na yi no ayε;
Bɔ ne din kyerε na yi no ayε
Ɔso, Ɔkorɔn nti yi no ayε.
3
Me kra yi Awurade ayε
N’asεm yε nkwa nti yi no ayε
Ne kwankyerεpa nti yi no ayε
Hwehwε no daa na yi no ayε
Wo ne no nnantew, twere no daa
Fa nea wo wɔ nyinaa yi no ayε.
4
Me kra yi Awurade ayε
Ne nneyεe pa nti yi no ayε
Ɔyε Awurade, yi no ayε
Wo ne Ɔsorofo nyi no ayε
Ne ns’ano nwuma te saa daa
Ɔwɔ tumi nti yi no ayε.
5
Me kra yi Awurade ayε,
Ɔhwε wo so daa, yi no ayε,
Ɔbεma wo nea wo koma pε
Hyira Ne din na yi no ayε
Fa aseda nnwom kɔ Ne fi daa,
Mma wo werεmmfi, yi no ayε.
6
Me kra yi Awurade ayε
Obi nte sε Ɔno, yi no ayε
Me kra yi Awurade ayε
Ɔnim wo hia nti yi no ayε
Kae no wɔ w’asetena mu daa,
Ma wo mu ade nyinaa nyi no ayε.
7
Me kra yi Awurade ayε
N’akwan yε nwonwa, yi no ayε
Me kra yi Awurade ayε,
Ɔnni mfiase nti yi no ayε;
Ɔtenaa hɔ, Ɔwɔ hɔ daa,
Alleluia, yi no ayε.
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 10 (Me Kra Yi Awurade Ayε) or copy the full lyrics.