Hymn 11 of 316

Me Kra Hyira Yehowa Daa

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

Chorus (Nnyesoɔ)
Anuonyam nka Onyankopɔn ɔba ne Honhom kronkron Aseda, nidi,ne nhyira Nka Nyame Baasa koro no
1
Me Kra Hyira Yehowa Daa Yi ne din kronkron n’ayε Me kra hyira Yehowa daa Bɔ ne din kronkron no kyerε
2
Treneefo nhyira Yehowa Ma wɔnto n’adom ho nnwom Ma treneefo Nhyira Yehowa Na wɔnfa ’seda mma no
3
Ɔdomankoma Nyankopɔn W’ayεyi to rentwa da Ɔdomankoma Nyankopɔn Wote sεnea wote daa
4
Abodan yi wo din ayε Sukyerεma yi wo kyerε Asubɔnten yi wo ayε Ka wo tumi kεse kyerε
5
Onyankopɔn wo nnwuma yε Nwonwa wɔ asase so; Onyankopɔn w’asafo nyinaa Kamfo wo nnwuma nwonwa no
6
Onyankopɔn, soro asafo De anigye hyira wo; Asase so gyedifo nso Bom kamfo wo din kronkron

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 11 (Me Kra Hyira Yehowa Daa) or copy the full lyrics.