Hymn 12 of 316

Mehyira Onyankopɔn Daa

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Mehyira Onyankopɔn daa Wɔ gyedifo asafo mu Wo ne me guankɔbea kεse Nhyira nka wo Onyankopɔn.
2
Me Nyankopɔn meda w’ase, Mekamfo w’adɔe kεse no Kerubim ne Serafim nso De wɔn anyigye yi wo ayε
3
Ɔdomankoma Nyankopɔn Gyedifo nyinaa hyira wo Asu akese ne mmepɔw Kyerε wo tumi kεse no.
4
Mεbɔ sanku ayi wo ayε Mεkamfo wo dɔ kεse no Wo mmɔbrɔhunu to ntwa da Enti na meda wo ase daa.
5
Mede daa nnwon to dεdε no Bεma wo a wote soro Adekyeε nsoroma a wohyerεn W’ahoɔfε no to rentwa da.
6
Ɔsoro Nsoroma ne ɔsram Kyerε w’anuounyam kεse no Soro abɔfo de nnwomto Kamfo wo Yehowa tumi no.
7
Gyidfo nyinaa Nyankopɔn Yεyi wo din no ayε daa Wo din kronkron no ama so Enti bεgye w’aseda daa.
8
Mεma wo din kronkron no so Na mato w’adɔe ho nnwom; Mεkotow na m’asɔre wo Wɔ w’asɔrefi kronkron mu.
9
Monka Yehowa nneyεe nkyerε, Ɔno ne yεn Nyankopɔn; Monka Yehowa nneyεe nkyerε Monto nnwom nhuro mma no.

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 12 (Mehyira Onyankopɔn Daa) or copy the full lyrics.