Hymn 13 of 316

Mεma Me Nsa So Ahyira

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Mεma Me Nsa So Ahyira Onyankopɔn din daa Mεkoto asɔre ne nkutoo Wɔ ne kronkron bea hɔ
2
Me kra hyira Onyankopɔn Na n’adɔe wɔ hɔ daa Mma wo werεmmfi ne nneyεe pa Na da no so ase
3
Me mu ade nyinaa behyira Awurade kronkron no, Me tεkrεma bεka n’ayεyi Wɔ n’asɔrefi hɔ
4
Awurade asafo hyinaa Mfa aseda mma no daa Mommɔ Onyankopɔn no din Na ɔyε Otumfo
5
Mehyira Onyankopɔn din Na wahwε me so daa Me mu ade nyinaa behyira Ne din kronkron no daa
6
Mεma me nne so ato dwom Ayi Awurade ayε Mεkotow na masɔre no Wɔ n’asafo mu daa
7
Mo ne me nkamfo Awurade Mo ne me nkorɔn ne din Wama n’adɔe aso yεn so Momma yεnhyira no
8
Yehowa ne Onyankopɔn N’anuonyam tena hɔ daa Wiase nyinaa mmom nka sε Ɔyε Onyankopɔn

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 13 (Mεma Me Nsa So Ahyira) or copy the full lyrics.