Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 14 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Me Kra Sɔre Yi Awurade Ayε
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Me kra sɔre yi Awurade ayε
To ayeyi dwom ma wo gyefo no
W’ayi n’adom no adi akyerε wo
Enti fa ahurusi yi n’ayε
Onyankopɔn, mu dom no agye me
Enti mεto nnwom ayi n’ayε.
2
Me kra sɔre yi Awurade ayε
Bɔ anɔpa afɔre ma no daa
M’awerεhow adan me anigye
Ne mmɔbrɔhu kεse agye me nti
Wayi me afi wiase sum mu
Ɛnti mehyira no wɔ ne fi daa.
3
Me kra sɔre yi Awuarde ayε
Mma wo werεmmfi sε ɔyε wo gyefo
Ɔde akyεde a ɔne Kristo no
Apata wo bɔne ama ne ho
W’abue ne fi kwan ama me
Me nso mεto dwom m’akamfo no daa.
4
Onyankopɔn ne me abεtena nnε,
Ɛnti me kra anya anigye pii
W’ama m’ahu sεnea ne dɔ no te
Ma nnebɔnyεfo a meka ho bi
W’ahoro me sε sukyerεma yi
Mede nnwomto mεkamfo no daa
5
Onyankopεn nmobrohunu dɔɔso ampa
Ɛnti na w’agye me sε ɔba yi
Mεma m’ani so ahwε no daa
Na w’ama n’adom abu so ama me
Awurade Nyankopɔn ne me hwεfo
Ɛnti mεsɔre no wɔ ne fi daa
6
Awurade Nyankopɔn domfo agye me
Mede ayeyi bεma ne din daa
Abɔde bɔ ne din kronkron daa
De hwehwε ne nsam nhyira no
Onyankopɔn kεse, soro Agya
Ayeyi nka wo din kronkron no daa.
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 14 (Me Kra Sɔre Yi Awurade Ayε) or copy the full lyrics.