Hymn 15: Momma Onyankopɔn Din So
Hymn 15 of 316 in the TAC Twi Hymnal. Language: Twi (Akan).
Verses
Verse 1
Momma Onyankopɔn din so Wɔ n’asafo mu daa; Mommɔ ayεyi afɔre Wɔ n’asɔrefi daa.
Verse 2
Onyankopɔn adi nkunim Enti monyi nayε Kristofo asafo nyinaa Munhyε no anuonyam.
Verse 3
Onyankopɔn nkwagye no nti Yεanya anigye pii; Ne nsεmpa a agye yεn nti Na yehim yεn frankaa.
Verse 4
Onyankopɔn bεma da bi Yεahome wɔ ne nkyεn Ne trenee mu na yεbεtena Ahwε n’anuonyam no.
Verse 5
Onyankopɔn nim ne de nti ɔremma yεnyera Da bi yεde anigye nnwom Behyia wɔ n’anim.
Verse 6
Anigye bεn na yebenya Sε yehu kristo a? ɔbεma ne basa no so Afrε nkunimdifo.
Verse 7
Yεbehyia yεn adɔfo wɔ N’ahengua no anim, Yεne wɔn bεbom ato dwom Akamfo ne dɔ no.