Hymn 16 of 316

Mεto Ayεyi Nnwom Ama

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Mεto ayεyi nnwom ama Onyankopɔn na mehyira no; W’ama ne tete bɔhyε no Nnebɔneyεfo ani ahu; Ɔnam nedɔba Kristo so Abue nkwagye bura no so Monhyira no, monhyira no, Na n’adom nti yεanya nkwagye.
2
Mede ayεyi afɔre Bεma Onyankopɔn daa nyinaa; Me ne gyedifo bεto dwom Aka nea w’ayε akyerε; Ɔnam ne dɔ ba Kristo so De nnomumfo nyinaa aba fie; Monyi an ayε, monyi no ayε; Na n’adom nti yεanya nkwagye.
3
Mεfrε nserehene nnwom Ama Onyankopɔn Agya; Nea ɔde ne basa kronkron Adi ɔtamfo no so no Ɔnam ne dɔ ba Kristo so Ama n’ahenni no atim; Mommɔ ne din, mommɔ ne din Na n’adom nti yεanya nkwaagye
4
Mεkɔ Onyankopɔn fi daa Na makɔsɔre no wɔ hɔ Meremmfa n’anuonyam no mma Anyame a wɔnnnkasa no; Ɔnam ne dɔ ba Kristo so Ama yεn kra daa asomdwoe Monkotow no, Monkotow no Na n’adom nti yεanya nkwagye.
5
Me ne soro ne asase Bεma Onyankopɔn din so; Me ne nea εhome nyinaa Behyira ne din kronkron no; Ɔnam ne dɔ ba Kristo so Asɔ owu tumi ahwε; Momma ne din so, momma ne din so Na n’adom nti yεanya nkwagye.

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 16 (Mεto Ayεyi Nnwom Ama) or copy the full lyrics.