Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 17 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Momma Onyankopɔn So
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Momma Onyankopɔn so
Na n’atamfo mfεre no;
Monkotow Onyankopɔn
Na n’atamfo nsuro no;
Mo nhyira Onyankopɔn
Na obehyira mo daa;
Mo nkorɔn Onyankopɔn
Na ɔbεma ne ho so
2
Mo ne soro abɔfo
Nto ayεyi nnwom mma no;
Mo ne ateasefo no
Nworo ne papayε no;
Tweaduampɔn Nyankopɔn
Wo din kronkron ama so;
Ateasefo Nyankopɔn
Ma wo tumi basa so.
3
Mede daa nnwom to dεdε
Bεma Onyankopɔn daa;
Mεkamfo no akyerε
N’atamfo a wɔnnan;
Gyedifo nto dwom dεdε
Nkamfo ne din kronkron daa
Momma yεmmom nto dwom sε
Anuonyam nka ne din daa;
4
Yehowa ne Nyankopɔn;
Enti na yεsɔre no;
Onyankopɔn tumi so
Enti na yεsɔre no
Ɔde ne tumi behyira
N’atamfo a wonnsuro no;
Ɔde ne tumi basa
Bεpansam n’atamfo nyinaa;
5
Ɔsorosoro Nyankopɔn;
Tumi nyinaa yε wo de;
Woyε Nyame baasa koro
Woyε ɔdomfo fi tete
Tweaduampɔn baasa koro
Wo din wɔ hɔ fi tete;
Ayεyi nka Nyame Agya
Ɔba ne Honhom kronkron
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 17 (Momma Onyankopɔn So) or copy the full lyrics.