Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 18 of 316🏷️ Ayeyi ne Ntrontrom(Praise & Adoration)
Momma Onyankopɔn Din So
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Momma Onyankopɔn din so
Efisε ɔyε kεse
Momma mo nne so nto dwom sε
Onyankopɔn yε kεse
Ɔsoro ne asase so
Onyankopɔn yε kεse
2
Wiase ahemfo mu nyinaa
Onyankopɔn ye kεse
Wiase atumfo mu nyinaa
Onyankopɔn yε kεse
Yεgye di sε ɔyε kεse.
Onyankopɔn ye kεse
3
Monhyira Onyankopɔn din
Efisε ɔyε kεse
Momma nnipa nyinaa nte sε
Onyankopɔn ye kεse
Momma n’atamfo nso nte sε
Onyankopɔn ye kεse
4
Kristo asafo nka sε
Onyankopɔn yε kεse
Mogya adansefo nka sε
Onyankopɔn yε kεse
Nea εhome nyinaa nka sε
Onyankopɔn yε kεse
5
Ma asu akεse nka sε
Onyankopɔn yε kεse
Ma mmepɔn so srɔnsrɔn nka sε
Onyankopɔn yε kεse
Ma εpo asorɔkye nka sε
Onyankopɔn yε kεse
6
Ma abɔfo kronkron nka sε
Onyankopɔn yε kεse
Ma ahotefo mpaem’ nka sε
Onyankopɔn yε kεse
Momma yεnto nnwom daa nka sε
Onyankopɔn yε kεse
7
Momfa trobεnto nto dwom sε
Onyankopɔn yε kεse
Momfa nnawuru nka sε
Onyankopɔn yε kεse
Momma mpintim nne nnyigye sε
Onyankopɔn yε kεse
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 18 (Momma Onyankopɔn Din So) or copy the full lyrics.