Hymn 19 of 316

Monto Ayεyi Nnwom Daa

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Monto ayεyi nnwom daa Nyi Awurade ayε, Momfa ’bεnta ’sanku a Egyigye nyi n’ayε Anuonyam anuonyam Nka ne din daa.
2
Awurade yε kεse Momma ne din no so Mommɔ ose dennen Nka sε nnidi sε no Anuonyam anuonyam Nka ne din no daa
3
Monkotow nsɔre Awurade Wɔ ne Kronkronbea hɔ Monto ayεyi nnwom mma no Na ɔyε Awurade Anuonyam anuonyam Nka ne din no daa
4
Asafo Awurade ye N’adoe no wɔ hɔ daa Monka sε Awurade ye Na n’adɔe wɔ hɔ daa Anuonyam anuonyam Nka ne din daa
5
Onyankopɔn yεn agya Wɔ soro kurow no mu Ɛhɔ na soro abɔfo To dwom yi no ayε Anuonyam anuonyam Nka ne din no daa
6
Kronkron ne Awurade Otumfo Nyankopɔn Kerubim ne Serafim To dwom yi no ayε Anuonyam anuonyam Nka ne din no daa
7
Awurade sε ayεyi Monyi no ayε daa N’asafo nyinaa nka sε Anuonyam anuonyam Nka ne din no daa

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 19 (Monto Ayεyi Nnwom Daa) or copy the full lyrics.