Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 1 of 316🏷️ Anɔpa ne Anwummerɛ(Morning & Evening)
Anɔpa Yεbeyi W’ayε
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Anɔpa yεbeyi w’ayε,
Awiabere nso yεbεtrontrom wo,
Anwummerε yε bεkamfo wo,
Anadwo nso yεbeda w’ase
Asafo Yehowa wo so,
Atumfo nyinaa bεkoto wo,
Ɔdomankoma Agya Onyame,
Ahotefo nyinaa yi w’ayε.
2
Israel pɔmfo Awurade,
Asafo Yehowa ne wo din;
Yεremfa W’anuonyam no mma
Anyame bi a wɔnkasa no;
Wo na wobɔɔ soro ne asase,
Ɛpo ne nea εwɔ mu nyinaa;
Tεkrεma nyinaa kamfo wo,
Yεbεyi wo din no ayε daa.
3
Gyedifo teasefo Awurade,
Bra bεgye nhyira ne aseda;
Gyedifo asafo nyinaa
Bom to ayεyi nnwom ma wo din
Gyedifo asafo nyinaa
Bεsom wo Asafo Yehowa;
Wo nko ne wiase anidaso,
Otumfo Awurade yεyi w’ayε.
4
Yerusalem ani agye,
Hɔ na Yehowa ahengua wɔ;
Zion babea di ahurusi,
Asafo Yehowa ne wo hene;
Soro abɔfo ne gyedifo
Mfa ayεyi nnwom mma Yehowa;
Ɔno ne yεn kyεm ne boafo,
Momfa ayεyi nnwom mma no daa.
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 1 (Anɔpa Yεbeyi W’ayε) or copy the full lyrics.
🏷️
Browse Category (2) →