Hymn 304 of 316

Ade Rekye Ade Resa

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Ade rekye ade resa Na yεrebεn wiase awiei Onipa rebεn ne wu da Ne atεmmu da
2
Wͻre ware,wͻrewo mma Wͻn a wͻrebu wͻretͻn Nnipa rebrε ama owu Ne atemmu da
3
Akwantufo retu wͻn kwan Aguadifo redi wͻn gua Ɛyε wͻn sε mmere te saa daa Wͻn nkwa nna yε tia
4
Onipa bεhwehwε nkwagye Obebisa kwan trenee no Ne nyansa de no bεyera Na w’ayera ne kra

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 304 (Ade Rekye Ade Resa) or copy the full lyrics.

🏷️

More Anɔpa ne Anwummerɛ Hymns

Browse Category (2) →