Hymn 305 of 316

Sε Da Kεse No Du A

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Sε da kεse no du a Yεn nnwuma bedi yεn akyi; Sε da kεse no dua, Yεbεhome afi yεn berεmu; Yεbεte anigye nwom, Wɔ Yerusalem kurow no mu, Yεne wɔn a wadi kan kɔ no, Betena kurow Kronkron no mu
2
Kurow kronkron no mu tena De Akwatafo nni hɔ; Kurow kronkron no mu tena de Anifirafo nni hɔ; Wɔbεsakra yεn prεko, Yεbεyε sε Yesu Kristo; N’asomdwoe ne yεn bεtena, Kurow kronkron no mu daa
3
Da no bεyε nkonimdi da, Yεbεhyε ntade fitaa; Kristo nsɔe hankare kyεn no Bεdan yεn nkonim abɔtire; Awurade Yesu bεteεm, Afrε wɔn a wɔyε ne de, Na ɔde wεn atena ne nkyεn, Na w’ahome afebɔɔ
4
Momma yεntwεn nkosi da no, Da no bεyε nkonimdi da; Yεbεhyerεn sε nsoroma, Yεn ahoɔfε bεtena hɔ daa; Yεbεto santen akɔ Kurow kronkron Yerusalεm mu Torobεnto nne bεgyigye Ama yεn akwaaba

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 305 (Sε Da Kεse No Du A) or copy the full lyrics.