Hymn 306 of 316

Mede Nipa Dua Yi To Hɔ

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Mede nipa dua yi to hɔ Na me dom fi honam mu Kopue ahengua anim a Mehu Kristo anuonyam
2
Me honam yi yε dɔte Mebu no nwura dodow Sε me de to hɔ da bi a Mehu Kristo anuonyam
3
Me gye ma Agyenkwa Yesu di Sε ne bɔhye no nyε kwa Enti sε me wu prɔw mpo a Mehu Gyefo n’anuonyam
4
Me nim sε medan dɔte Nsamoa nso ne me bεtena Nanso sε mete Ne nne a Mεsɔre m’ahyε n’anuonyam
5
Sε mete ne nne dasum a Mεsɔre sε memmporɔw da Mafi me brε nnwuma mu Mehu Kristo anuonyam
6
M’agyenkwa ne me bεtena Ne bɔhyε kurow no mu Me nnwuma bedi m’akyi Mehu Gyefo n’anuonyam

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 306 (Mede Nipa Dua Yi To Hɔ) or copy the full lyrics.