Hymn 254 of 316

Wo Nkyεn Ara Nyame

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Wo nkyεn ara Nyame Hɔ na mekra kɔndɔ Sε mede me honam to hɔ’a Wo nkyεn ara Nyame
2
Wo nkyεn ara Nyame Hɔ na asetena pa wɔ Sε wiase yi mu berε twam a Wo nkyεn ara Nyame
3
Wo nkyεn ara Nyame Wo bɔhyε no ayε kwa, Sε me honam kɔ kommyε mu a Wo nkyεn ara Nyame
4
Wo nkyεn ara Nyame Boa me na menyε wo pε Na wo teεm frε gyedifo a Wo nkyεn ara Nyame
5
Wo nkyεn ara Nyame Mepε sε mete won ne Enti sε wo teεm dasum a Wo nkyεn ara Nyame
6
Wo nkyεn ara Nyame Wiase nyε anigye koraa, Awurade sε da no du a Wo nkyεn ara Nyame
7
Wo nkyεn ara Nyame Ma me nka wo ho wɔ hɔ Kae me wɔ w’ahenni no mu Wo nkyεn ara Nyame
8
Wo nkyεn ara Nyame Hɔ na me kra bεhome Enti mma wo werε mmfi Wo nkyεn ara Nyame

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 254 (Wo Nkyεn Ara Nyame) or copy the full lyrics.