Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 262 of 316🏷️ Ayie ne Nsie (Nantew Yiye)(Funeral & Consolation)
Awurade, Wo Ne Me Nkwa
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Awurade, wo ne me nkwa
Yi mu anidaso;
Damoa yi mu ayε me tenabea
Nanso m’ani da wo so
Me bɔne nipadua yi bεprɔw
M’asan akɔ me dɔte mu
Awurade fa me nnompe sie
Kosi da kεse no
2
Asetena yi mu ahohia
Ewiei ne damoa mu;
Kristo wo ne me kra Agyenkwa pa
Wɔ wiase bɔne yi mu;
Wo din mu na gyedifo nya nkwa
Enti hwε me kra so,
Kosi sε da kεse no beduru
Amma me bo antu
3
Kristo wo ne wusɔre ne nkwa
Ma wɔn a wɔgye wo di,
Sε watemmu da kεse no duru a
Me bo rentu w’anim;
Sε sum kabii guan fi w’anim a
Mehu wo hann fεfε no;
Enti fa me nnompe sie
Na dabi w’afrε me
4
Me Kristosom mu mmɔden bɔ
Nni nkotaa bu wɔ ha;
Me retwεn me tεmmufo Kristo
Sε da kεse no duru a;
εbεkae me mmɔden bɔ wɔ ha
Na w’ahu me mmɔbɔ;
Enti sε da kεse no duru a
Me bo rentu koraa
5
Me fi dɔteε mu baa wiase ha
Me resan akɔ dɔteε mu;
Me honam nipadua yi bεprɔw
Wɔ owu damoa yi mu;
Manidaso ne Kristo nkutoo
Wɔ nsamoa bɔn yi mu;
Kristo fa me nnompe sie
Kosi wɔsure da no
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 262 (Awurade, Wo Ne Me Nkwa) or copy the full lyrics.
🏷️
Browse Category (9) →