Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 299 of 316🏷️ Ayie ne Nsie (Nantew Yiye)(Funeral & Consolation)
Gyedifo Akwantu Bε Wɔ Hɔ,
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Anigye, anigye
Na yε de behyia Kristo
Wɔ mpoano fεfε hɔ,
Na Kristo behyia yεn kwa
1
Gyedifo akwantu bε wɔ hɔ,
Yebetu no saa da no;
Da a yεn gyefo no bεba
Abehyia yεn ayeforo no
2
Momma yεnhwε Gyefo no kwan
εrennkyε yεbehu n’anim
εne soro dɔm no bεba
Abehyia yεn wɔ mpoano hɔ
3
Yεne Kristo behyia mpoano hɔ
Na w’aka yεn koma ato yεn yam;
εbεpopa yεn nisu nyinaa
Yεn awerεhow to betwa
4
Da bi yεn nyinaa bεto santen
Akɔ kurow kronkron no mu
Yεne wɔn a wadi kan kɔ no
Bεto Yesu Kristo dɔ ho nnwom
5
Nkonimdi bedi yεn akyi daa
Yεn werε befi yεn berε nyinaa,
Owu ne awerεhow to betwa,
Asomdwoe bεka yεn nsa daa
🎵 TAC TWI HYMNAL
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 299 (Gyedifo Akwantu Bε Wɔ Hɔ,) or copy the full lyrics.
🏷️
Browse Category (9) →