Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 298 of 316🏷️ Gyidie ne Ahotoso(Faith & Assurance)
Ampa Me Kra Yε Komm Hwε Wo
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Yehowa wo ne me botan,
M’abankεse ne me guankɔbea,
Fa me sie wo nsa yam korabea hɔ.
1
Ampa me kra yε komm hwε wo
Onyankopɔn ma menya nkwa
Wo nsam na me kra nkwagye wɔ
Kae me sεnea w’adoeε te.
2
Wiase hann mpo adan me sum
M’ayera me kra nkwagye kwan;
Teε wo dɔ nsa no sɔ me mu,
Na ma mente w’adoeε nka.
3
Se mereyε m’awatiri a,
Kae me ma me nhu me mfomso;
Na sε me gyedi so hwan a
Awurade boa me mmerεwyε.
4
Sε wo ba w’ahenni mu a,
Kae me Awurade m’agyenkwa;
Wo nkutoo ne m’anidaso,
Ma mente wo frε kronkron no.
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 298 (Ampa Me Kra Yε Komm Hwε Wo) or copy the full lyrics.