Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 297 of 316🏷️ Ayie ne Nsie (Nantew Yiye)(Funeral & Consolation)
Akwantu Bi Wͻ Hͻ A Yε Betu
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Akwantu bi wͻ hͻ a yε betu
Enyε wiase ha akwantu no bi
Soro hͻ akwantu na yεretwεn
Anigye bεn na saa da no bεyε
2
Sε sum hyε kabii ma apranaa bobom
Ma Kristo mu awufo sͻre kan
Na sε yεne wͻn bom kohyia Kristo a
Anigye bεn na saa da no bεyε
3
Anigye na yεde betu kwan no
Ahurusi na yεdi behyia Kristo
Gyedifo nyinaa bεbom anantew
Anigye bεn na saa da no bεyε
4
Yεbehu yεn ho anim ne anim
Bere a yεbehyia wͻ ahengua no anim
Na sε ahotewfo nyinaa bom tena
Anigye bεn na saa da no bεyε
5
Yewͻ dwom foforo bi a yεbεto
Soro abͻfo mpo renntumi nnte ase
Yεn nkonimdi ho dwom na yεbεto
Anigye bεn na saa da na bεyε
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 297 (Akwantu Bi Wͻ Hͻ A Yε Betu) or copy the full lyrics.
🏷️
Browse Category (9) →