Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 229 of 316🏷️ Ayie ne Nsie (Nantew Yiye)(Funeral & Consolation)
Wiase Yi Mu Asetena
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Na onyankopɔn wowaw
Wɔn a wɔtweri no nyinaa,
Na sε ne nyinaa twam a
Ne nkyεn na wɔhome komm
1
Wiase yi mu asetena
Yε ɔbrε ne amanehunu,
Akodi ne sɔhwε horow
Ne nnipa di asi daa
2
Owu abaa da hɔ ma
Ahiafo ne adefo,
Atumfo ne ahemfo
Bεsɔ owu tumi ahwε
3
Yare mpa so amanehunu
Rentumi mma yεmpa abaw,
Gyedi pa no yεasɔ mu asie
Ɔko pa nso yεawie ko
Wiase yi mu awerεhow
Yε Kristosom mu anigye,
Kristo asεndua soa no ma me kra nya anigye
4
Gyedifo hintabea wɔ
Kristo Agyenkwa no mu
Ɔde ne nkwa ne yεn nkwa
Ahintaw Onyankopɔn mu
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 229 (Wiase Yi Mu Asetena) or copy the full lyrics.
🏷️
Browse Category (9) →