Hymn 228 of 316

Onyankopɔn De Asomdwoe

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Onyankopɔn de asomdwoe Bεma gyedifo dabi; Wɔde anigye bεteεm sε Nhyira ne Awurade; Ade nyinaa so tumfo no; Nea ɔwɔ hɔ nnε ne daa no
2
Onyankopɔn de asomdwoe Bεma gyedifo da di; Wɔde ahurisi bεto dwom Ayi ɔgyefo no ayε Wɔbehu no sεnea ɔte Na wama yεn daa asomdwoe
3
Onyankopɔn de asomdwoe Bεma gyedifo da di; Wɔbεhome afi wɔn brε mu, Wɔn nnwuma bedi wɔn akyi, Onyankopɔn yε nokwarefo Enti wɔn ani da ’nso daa
4
Onyankopɔn de asomdwoe Bεma gyedifo da di; Asetena pa wɔ ne nkyεn. Ɛhɔ na yεn kra kɔndɔ; Awurade ahyε yεn bɔ nti Da bi ebesi yεn yiyye
5
Onyankopɔn de asomdwoe Bεma gyedifo da di; Enti owia da so yi Mεyε m’adwuma ntεm Na dabi mede anigye Ahyia nea ɔbεteεm no

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 228 (Onyankopɔn De Asomdwoe) or copy the full lyrics.