Hymn 218 of 316

Onyankopɔn Nsam Hwe Yε Hu

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

Chorus (Nnyesoɔ)
Onipa, hwε w’akwan yiye Na w’amfom ne kwa trenee so, Na dabi won so afata Sε ɔba n’ahenni mu a
1
Onyankopɔn nsam hwe yε hu, Ne trenee so na obu ntεm, Ɔbεma nnipa ahu sε Ne nkutoo na odi tumi
2
Kae se sε Yehowa renkye so Ɔbεkasa n’abufu mu Wiase mmusuaku nyinaa bεte Sε Onyankopɔn nne gyigye
3
Tumi abran a wɔhman Behyia nea odi tumi no, Wɔn nnwuma bεda adi da no’ Na wanya no so akatua Asanomfo ahohorafo Benya wɔn nnwuma so akatua, Akyingyefo ne asisifo Benya wɔn bra so akatua
4
Aguamammɔ ne awudi Beda adi n’anim do no, Koma mu ahintasεm nso Bεda adi n’anim da no
5
Abosom som abusu de Befi Yehowa ani so, Asikafo bɔne benya Wɔn kwan bɔne so akatua

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 218 (Onyankopɔn Nsam Hwe Yε Hu) or copy the full lyrics.