Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 222 of 316🏷️ Nkunimdie ne Ko(Spiritual Warfare & Victory)
Aman Nyinaa Nyankopɔn, Sɔre
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Aman nyinaa Nyankopɔn, sɔre
Soma me wo bobe turo mu,
Fa mogya a εsombo no sra me
Hyε me den na menyε w’adwuma,
Oguanhwεfo pa wo nkutoo na
Mede me nkwa bɔ wo afɔre
2
Ma w’adom no mmu so mma me,
Nyi w’asεm no mfi m’anom
Ma me mmɔ nsεmpa no dawuru
Nkyerε ahiafo ne koma bubufo,
Sra me ngo foforo O,m’ Awurade
Mede me nkwa bɔ’ wafɔre
3
O Honhom kronkron bra me so
Nan me, yε me foforo, yε me nnam
Hyε me na me nsoa asεndua no
Nea m’Agyenkwa Kristo wuu so
Nneεma a εsom me bo no
Mede ne nyinaa bɔ wo afɔre
4
Hwie wo homhom gu me so foforo
Me hia wo, me trenee Agya,
Nneεma a εyε me mfaso no
Mede nyinaa bɔ wo afɔre
Me nkwa, me mere, ne me nna nso
Mede ne nyinaa bɔ wo afɔre
5
Ɛhe na mefi w’anim akɔ?
Wo nkyrεn na m’aba me bɔfo
M’akyin wiase mu nyinaa
Na m’annya homebea wɔ mu
Wo na wonim me nkwa awiei
Mede me ho bɔ wo afɔre
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 222 (Aman Nyinaa Nyankopɔn, Sɔre) or copy the full lyrics.