Hymn 215 of 316

Awurade Ama Ne Nsa So

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Awurade ama ne nsa so, Gyeedifo mo nsɔre; Mo mmɔ ne nsεmpa no dawuru, Na nnebɔneyεfo gye adu
2
Awurade aba nsraban so, Gyedifo monsɔre; Mommɔ ne nsεmpa no dawuru Na nnebɔneyεfo gye adu
3
Awurade gye do no adu, Gyedifo monsɔre; Mo nsoa n’asεndua nni no akyi Na Na nnebɔneyεfo gye adu
4
Awurade akodi no adu, Gyedifo monsɔre; Monntew ne mogya no mu, Na nnebɔneyεfo mmra fie
5
Wiase ewie sεe no adu, Gyedifo monsɔre; Momma nnebɔneyεfo nte sε Kristo Agyenkwa no wɔ hɔ
6
Monsɔre Kristo asafo; Mo nsoa mo asεndua no; Monantew me mogya no mu Nkɔgye apirafo mmra fie

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 215 (Awurade Ama Ne Nsa So) or copy the full lyrics.