Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 220 of 316🏷️ Nkunimdie ne Ko(Spiritual Warfare & Victory)
Akodi Bi A Ɛyε Hu
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Akodi bi a εyε hu
Retwεn Kristo akyidifo;
Nea yε di n’akyi ne Kristo
Enti yεrensuro dɔm ;
Akodi no mu bεyε den,
Nanso ye bedi nkonim.
2
Akodi nna no bεyε den
Na nkonimdi wɔ hɔ
Ma wɔn a wɔbεhwε Kristo
Nea otumi gye nkwa no
Akodi no mu bεyε den
Nanso ye bedi nkonim
3
Akodi nna no bεyε ahokyere,
Nanso yεn ani bεgye;
Yesu Kristo nantew mu bi,
Enti mo nkae nni n’akyi;
Akodi no mu bεyε den
Nanso ye bedi nkonim
4
Akodi no mu bεyε den,
Nanso momma yεnnsuro;
Wɔn a wɔbetia yεn da no,
Behyia Kristo tumi no;
Enti momma yεntwere Kristo,
Na ye bedi nkonim
5
Akodi no to betwa koraa
Enti momma yεmmpa baw;
Ebinom adi mu nkonim
Enti momma yεmmpa baw;
Akodi no mu bεyε den
Nanso ye bedi nkonim.
6
Akodi nna no akyi no
Wɔbεsεe owu koraa;
Akodi nna no akyi no
Yebehim yεn gyefo frankaa
Akodi nna no akyi no
Yεbenya asetena pa.
7
Se akodi no twa mu a
Nneεma nyinaa bεyε foforo;
Sε akodi no twa mu a
Gyedifo behu Kristo;
Sε akodi no twa mu a
N’asomdwoe ne yεn bεtena.
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 220 (Akodi Bi A Ɛyε Hu) or copy the full lyrics.