Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 219 of 316🏷️ Kristo Ba ne Soro Kurow(Second Coming & Heaven)
Soro Ne Asase Yi Rebεtwa Mu Akɔ
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Soro ne asase yi rebεtwa mu akɔ,
Ahohiahia dabi a εyε hu reba,
Awurade nne kεse bεteεm Afrε ne de,
Wɔn a wɔ bεbɔ ne din da no benya nkwagye
2
Ɔbrε ne amane nyinaa nso to rebetwa
Ɔyaw ne nisu ne awerεhow befi yεn so,
Yε behu ɔgyefo Kristo no sε yεn Agyenkwa,
Na yεabɔ ne din kronkron na yεanya nkwagye
3
Ahoɔdenfo de wɔn ani bεhintaw Kristo,
Atumfo tumi no rentumi mmoa wɔn da no,
Wɔn ho bεpopo wɔ Kristo atemmufo anim,
Ɔgyefo bεbɔ wɔn na wɔayera wɔn kra
4
Yεbεma yεn ani so ahwε Oguanmmaa no
Nea wadi owu ne asaman so ama yεn,
Ɔbεto nsa afrε yεn, wɔapopa nisu nyinaa
Na wama yεahu ne nkwagye a εwɔ hɔ daa
5
Yεde honam foforo bεsɔre sε yεmporɔw da,
Owu ne asaman rentumi nkora yεn so bio
Gyedifo nyinaa bεte wɔn gyefo no nne,
Na yεne wɔn ato nnwom ahyira Awurade
6
Yεde ɔdɔ mfewano bekyiakyia wɔ Kristo nkyεn
Yebehu adɔfo a yεn kra kɔn dɔ wɔn no,
Ɔsoro asafo bεma yεn akwaaba kronkron
Na yεne wɔn ato nnwom ahyira Awurade
7
Dabεn na yεbehyia na yεanya daa ahotɔ?
Da bεn na yεbεbom atena wɔ Kristo nkyεn?
O,Awurade kasa na yε nhu wo bɔhyε
Na yεne soro asafo mmom nyi wo din ayε
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 219 (Soro Ne Asase Yi Rebεtwa Mu Akɔ) or copy the full lyrics.