Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 238 of 316🏷️ Kristo Ba ne Soro Kurow(Second Coming & Heaven)
Awurade Yesu Kristo Reba Ntεm
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Awurade Yesu Kristo reba ntεm
Enti momma yensiesie n’akwan yiye;
Momma gyedifo nyinaa nhwε no kwan;
Yε gyedi sε εrennkyε yebuhu no,
Awurade Yesu Kristo reba ntεm
2
Awurade Yesu Kristo reba ntεm
Ɔno na ɔrebεma wiase asomdwoe
Momma nea εhome nyinaa nhwε no kwan
Ɔrennkyε yεbεte ne nne dasum’
Awurade Yesu Kristo reba ntεm
3
Awurade Yesu Kristo reba ntεm
Ɔreba abεpopa nisu nyinaa;
Ɔde daa asomdwoe rebrε gyedifo,
Na wahome afi wɔn brε nwuma mu,
Awurade Yesu Kristo reba ntεm
4
Awurade Yesu Kristo reba ntεm
Ɔbεma yεanya home ama yεn kra,
Ɔno ne nea ɔte ase daadaa no,
Yebehu n’anim na yεn werε akyekye,
Awurade Yesu Kristo reba ntεm
5
Awurade Yesu Kristo reba ntεm
Ɔne yεn rebεtena n’ahenni no mu;
Yebehu ne nkwagye no sεnea εte,
Momma yεn ani nnye na yεnteεm sε,
Yiw Awurade Yesu Kristo bra ntεm
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 238 (Awurade Yesu Kristo Reba Ntεm) or copy the full lyrics.