Hymn 239 of 316

Awurade Yesu Reba

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

Chorus (Nnyesoɔ)
Kristo bra bedi hene Bεtena w’ahengua so, εhene Kronkron ne wo, Kristo bra bedi hene
1
Awurade Yesu reba, Abɔfo bedi ne kan; De osebɔ nwomto Kronkron Bεkyerε n’ahenni no
2
Yεne wɔn a w’adeda retwεn, Dabεn na wo bεba? Yε gyedi sε wo mmae renkyε, Awurade Yesu reba,
3
Sε torobεnto nne gyigye a Gyedifo bεbɔ ose, Yεde anigye nnwom behyia Soro-dɔm tutu no kwan
4
Momma yεnyε krado wɔ ho Ntwεn yεn Awurade no, Sε da no du a monhwε soro Yεbεte anigye nnwom
5
Yεde honam foforo bεsɔre Yεbεyε sε Awurade, Owu beguan afi asase so Daa nkwa bεyε yεn de

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 239 (Awurade Yesu Reba) or copy the full lyrics.