Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 51 of 316🏷️ Kristo Ba ne Soro Kurow(Second Coming & Heaven)
Wɔ Soro Kurow Kronkron No Mu
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Wɔ soro kurow kronkron no mu
Na abɔfo kronkron sɔre wo
Kerubim ne Serafim nso
De wɔn gyigye yi wo ayε
Kronkron,kronkron
Kronkron,kronkron
Ne wo Otumfo Nyankopɔn
2
Wɔ soro kurow kronkron no mu
Na ateasefo no sɔre wo
Mpanyimfo aduonuanan no
Sɔre nea ɔte ahengua so no
Kronkron,kronkron
Kronkron,kronkron
Ne wo Otumfo Nyankopɔn
3
Wɔ soro kurow kronkron no mu
Na mogya adansefo sɔre wo
Wo a wifura nwera pa
Na ahotewfo to dwom sɔre wo
Kronkron,kronkron
Kronkron,kronkron
Ne wo Otumfo Nyankopɔn
4
Wɔ soro kurow kronkron no mu
Na anigye nnwom gyigye daa
Wɔn a wɔadi owu so no
To ayεyi nnwom ma Kristo
Kronkron,kronkron
Kronkron,kronkron
Amen,Onyankopɔn yε Otumfo
5
Wɔ soro kurow kronkron no mu
Na wɔto nnwom ma Yehowa
Torobεnto,mpintin,nnawuruta
De wɔn gyigye hyε n’anuonyam
Kronkron,kronkron
Kronkron,kronkron
Asafo Yehowa yε Kronkron
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 51 (Wɔ Soro Kurow Kronkron No Mu) or copy the full lyrics.