Hymn 240 of 316

Kristo De Tumi Reba

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Kristo de tumi reba Abεtena n’ahengua so, Ɔde anuonyam reba, Honham nyinaa behu sε Ɔyε Agyenkwa ampa; Ɔde atεmmu reba Na wɔn a wobefi mu no Behu Yehowa basa no
2
Kristo bεteεm dasum Afrεm wɔn a wadeda; Ne nne begyigye dennen Awoso asase yi Akyerε ne tumi kεse; Atumfo begyina a’anim Na wɔn a wobefi mu no Behu Yehowa basa no
3
Yεde yεn ani behu Onyankopɔn bεhyε no; Yεn koma bεtɔ yεn yεm Na yεato ayεyi nnwom Akamfo Agyenkwa no; Ɔbεbobɔ yεn din Na wɔn a wobedi bem no Bεkɔ daa anigye mu
4
Hwε, Yesu Kristo reba, Nea gyedifo retwεn no; Israεl kronkron a Wɔn ani da so no sε Ɔde asomdwoe reba Sε wogye ne din di a; Wɔn a wapaw wɔn no nyinaa Benya home ama wɔn kra
5
O,asomdwoe Nyankopεn Ma wo basa kronkron so Begye yεn na yεretwεn Wo bɔhyε wɔ Kristo mu; Ne din a yε gyedi nti Dɔmmari Awurade Fa wo dade poma na bra Bεma yεn daa asomdwoe

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 240 (Kristo De Tumi Reba) or copy the full lyrics.