Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 241 of 316🏷️ Kristo Ba ne Soro Kurow(Second Coming & Heaven)
M’agyenkwa Anim Hyerεn
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
M’agyenkwa anim hyerεn,
Ɔhyerεn sen wɔn nyinaa;
Dabi yε bεhyerεn sε ’ ɔno
Ne mogya aguare yεn nti;
Yε bεhyerεn sε nsoroma,
Na yε ne no atena daa
2
M’agyenkwa anim hyerεn,
Ɔhyerεn soro kurow no mu;
Owia ne ɔsram hann mpo,
Rennhia yεn bio wɔ soro hɔ;
Yεbεhyerεn sε Awurade
Na yεne no atena daa
3
M’agyenkwa anim hyerεn,
Ɔsoro dɔm mpo nntumi nhwε;
Sε yεyε sε ɔno a,
Soro dɔm rentumi nnhwε yεn;
Yεbεhyerεn sε εnoara
Na yεne no atena daa
4
M’agyenkwa anim hyerεn,
Ɔhyerεn sen wɔn nyinaa;
Ɔhyerεn sen anɔpa wi,
Ɔmma ani nntumi nhwε no;
Dabi yεbεhyerεn sε ɔno,
Na yεne no atena daa
5
M’agyenkwa anim hyerεn,
N’ahoɔfε no nsakra da;
M’agyenkwa anim hyerεn,
Nahoɔfε no te saa daa;
Ne mogya nti; yεbεhyerεn
Na yεne no atena daa
6
Wɔn a w’adeda retwεn
Yesu Kristo ne mmae no;
Wɔbbεte torobεnto nne
Na wusɔre afi awufo mu
Wɔbεhyerεn sε Awurade
Na yεne no atena daa
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 241 (M’agyenkwa Anim Hyerεn) or copy the full lyrics.