Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 242 of 316🏷️ Kristo Ba ne Soro Kurow(Second Coming & Heaven)
W’ahyε Yesu Anuonyam Hene
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
W’ahyε Yesu anuonyam Hene,
Momma yεnkotow no,
Ɔsoro abɔfo to nnwom
Mma εhene Kronkron no,
Alleluia, alleleuia
2
Mogya dansefo nnyi n’ayε,
Nea owui asεndua no so;
Wɔn a w’apεn wɔn no nto dwom
Nhyε no abɔsɔ Hene,
Alleluia, alleleuia
3
Wɔ Kalvary afɔre muka no so,
Okyii adehyε mogya no
N’animguase wu dua no so
Bue soro ahenni pon no,
Alleluia, alleleuia
4
Momma yεnto ne dɔ ho nnwom
Nnebɔneyεfo gyefo;
Monto ne tumi nkwagye nnwom
Wɔ ne bɔhyε no ho,
Alleluia, alleleuia
5
Ɛrennkyε Yesu Hene bεba
Ne abɔfo kronkron
Ahotewfo de anigye nnwom
Behyia Awurade
Alleluia, alleleuia
6
Yesu Hene no bedi yεn kan
Akɔ kurow kronkron mu
Yesu Kristo ogyefo no
Bεto nsa afrε yεn,
Alleluia, alleleuia
7
Anuonyam Hene no bedi hene
Obedi Hene afebɔɔ;
Ahotewfo ne soro asafo
Bεkorɔn no nkutoo
Alleluia, alleleuia
8
Yεrenni awerεhow kurow no mu
Yεn ani begye mu;
Awurade bεkyekye yεn werε
Na yεato wo dwom sε
Alleluia, alleleuia
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 242 (W’ahyε Yesu Anuonyam Hene) or copy the full lyrics.