Hymn 237 of 316

Na Ne Yesu Kristo Bεtena

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Na ne Yesu Kristo bεtena Na me werε emfi ne din, Ɔhwε tumi a εsakra Nea ogye ne din Kronkron di, Sε me dom fi honam mu a Me nim ne din nti merennyera
2
Me nkwagye ne Yesu Kristo Nyame aguammaa kronkron no Nea ofi soro baa wiase Begyee owu tumi safe; Sε nna a εyε hu no du a Me nim ne din nti merennyera
3
Megye Yesu Kristo do nti Ɔbεhwehhwε me wɔ da no, Me gye Yesu Kristo di nti Sε ɔteεm a mεte ne nne, Sε soro ne asase twam’ a Me nim ne din nti merennyera
4
Yesu Kristo wɔ m’afa nti Mennsuro anadwo wibɔ, Me gye Yesu Kristo di nti Ɔbεhwε me so afebɔɔ, Sε mframa a εyε hu bɔ a Me nim ne din nti merennyera
5
Yesu Kristo nkwagye basa Begye me nea mεkɔ biara, Yesu Kristo nkwagye basa Bεbrε owu tumi ase, Sε asase yi woso a Me nim ne din nti merennyera
6
Yesu Kristo ne wusɔre Enti merennka damoa mu Okura owu safe nti Obεgye me afi ne nsa mu Yesu Kristo ne m’agyenkwa Me nim ne din nti merennyera
7
Yesu Kristo nne begyigye Wɔ nna εyε hu no mu, Gyedifo di anigye nnwom
8
Bεsɔre afi owu nna mu, Sε atεmmu do no du a Me nim ne din nti merennyera

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 237 (Na Ne Yesu Kristo Bεtena) or copy the full lyrics.