Hymn 236 of 316

Medi Yesu Kristo Akyi

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Medi Yesu Kristo akyi Na w’aka me nkwagye nsεmpa; Medi Yesu Kristo akyi Na matie ne nkwagye nsεmpa, Mεbɔ ne din adi n’akyi, Na dabi me kra annyera
2
Medi Yesu Kristo akyi εno na me nkwa wɔ ne nsam; Medi Yesu Kristo akyi Ne nkutoo na otumi gye nkwa; Mεyε komm daa adi n’akyi Na dabi me berε to atwa
3
Medi Yesu Kristo akyi Na m’aka me nsεm akyerε no,, Medi Yesu Kristo akyi Medi n’akyi, na m’adɔ no, Sεnea mete biara onim Medi n’akyi, medi n’akyi
4
Medi Yesu Kristo akyi Na ’soro hɔ ammɔ me kra, Medi Yesu Kristo akyi Na daa nkwagye ammɔ me kra Medi Yesu Kristo akyi Na daa anigye ammɔ me kra
5
Medi Yesu Kristo akyi Ɔno ne nokware ne nkwa, Medi Yesu Kristo akyi Ɔno ne me terenee kwan pa Medi Yesu Kristo akyi Na awie no w’agye me kra
6
Menim nea medi n’akyi Enti me rennsan makyi da, Mene wɔn a wodi nakyi Bεtwεn kosi sε ɔbεba, Metie ne nne adi nakyi; Nkonimdi bεyε me de daa

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 236 (Medi Yesu Kristo Akyi) or copy the full lyrics.