Hymn 235 of 316

Kristo Ne ’nyankopɔn ’akyεde

Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana

1
Kristo ne ’Nyankopɔn ’akyεde Ne mu na nkwagye ’abuso, Kristo ne ’Nyankopɔn ’akyεde Ne nko mu na bammɔ wɔ, Kristo ne wusɔre pon safe Ne ɔsoro kwan trenee no
2
Bere a meyerae bɔne mu wui no, Metee Kristo Agyenkwa nne, Bere a me wɔ nkoasom mu no, Metee Kristo Agyenkwa nne, Aguammaa no nti made me ho, Dεn na mewɔ yε ma no?
3
M’adesoa asεndua duruduru no Kristo ammpo sε ɔbεsoa, M’asotwe nsɔε hankare kyε no Kristo ammpo sε ɔbεsoa, Dεn na menyε mma Awurade? Wɔ nkwagye a εsom boy i ho
4
Wɔbɔɔ Yesu asεndua no so Sε owudifo maa me, Wɔyaw no wɔ asεndua no so Na ɔno de ɔyεε komm, Kristo bɔɔ ne ti ase na owui Animguase wu maa me
5
Fa honhom mu adom hyε me ma Na me mmata wo nko ho, Kyerεw w’adom din no wɔ me mu Na me ne wo mmom nnantew Meretwεn sε mεte wo nne, Na m’ani agye wɔ wo mu
6
Din bi nsom bo a εyε dε, Sε wo din a minim no, Din bi nni hɔ a εkyekye werε Sε wo din a εfi soro Wo nkutoo ho na mεtena Na m’atua ka a mede wo no

Singing with your choir, family, or fellowship?

Share Hymn 235 (Kristo Ne ’nyankopɔn ’akyεde) or copy the full lyrics.