Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 234 of 316🏷️ Asɛmpa ne Nkwagye Frɛ(Gospel & Salvation)
Mεdɔ Wo, Yesu Kristo
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
1
Mεdɔ wo, Yesu Kristo
Na me werε emfi wo din,
Mεgye wo frε biara so,
Mεbɔ wo din na m’abɔ wo
2
Mεdɔ wo, Yesu Kristo
Na masɔ wo dɔ nsa no mu;
Minim sε wo dɔ nti wo kae me;
Mεbɔ wo din na m’abɔ wo
3
Mεdɔ wo, Yesu Kristo
Na m’atiatia w’anamɔn mu
Woyε hwεfo ne dɔfo pa nti
Mεbɔ wo din na m’abɔ wo
4
Mεdɔ wo, Yesu Kristo
Efisε mate wo dɔ nka,
W’ayi wo dɔ adi akyerε me
Mεbɔ wo din na m’adɔ wo
Mεbɔ wo din na m’abɔ wo
5
Mεdɔ wo, Yesu Kristo
Efisε wo diikan dɔɔ me;
Menso mεkae wo dabiara,
Mεbɔ wo din na m’abɔ wo
6
Mεdɔ wo, Yesu Kristo
Mede nisu hwehwε wo da;
Medi wakyi na madɔ wo daa;
Mεbɔ wo din na m’abɔ wo
7
Mεdɔ wo, Yesu Kristo
Anadwo biara mεkae wo;
Nea me kɔn dɔ ara ne sε
Mεbɔ wo din na m’abɔ wo
8
Wo din gyigye me koma mu
Entii me kra kɔn dɔ wo daa,
Da a mene wo behyia no,
Mεbɔ wo din na m’abɔ wo
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 234 (Mεdɔ Wo, Yesu Kristo) or copy the full lyrics.