Font
Color
Size
18px
Theme
Spacing
Hymn 160 of 316🏷️ Asɛmpa ne Nkwagye Frɛ(Gospel & Salvation)
Asεmpa Bi Wɔ Hɔ A Ɛyε Dε
Official Twi Hymn of The Apostolic Church-Ghana
Chorus (Nnyesoɔ)
Awurade fa w’asεm yεn me kra
Tew me ho wɔ wo mogya no mu,
Ma menyin wɔ Honhom Kronkron mu
Na me mfata frε pa no
1
Asεmpa bi wɔ hɔ a εyε dε,
Ɛyε Kristo asεmpa no;
Nea ɔkra nam so bεtena ase,
Ɛno ne soro abodoo no
2
Ampa Kristo asɔmpa yε dε
Kyεn ’wo ne ahwerew mo nsu;
Edwudwo ɔkra koma,
Ɛma no abotɔyam
3
Me kra kɔn dɔ w’asεm Awurade
W oho sukɔm de me kra;
Ma nkwa nsu no bi nsosɔ me so
Na me kra ho bεsan no
4
Kristo ne nkwa abodoo a
Ofi soro sian bae no,
Sε gyedifo nyinaa nni,
Na wonya nkwa a enni awiei
Na wonya nkwa a enni awiei
5
Nea odi Kristo honam no
Ɛbεtena ne mu daa,
Nea ɔnom ne mogya no
Obenya nkwa a enni awiei
6
Kristo honam yε aduan ampa,
Ne mogya yε anonne;
Nea odi na ɔnom mogya no
Na ɔwɔ nkwa a enni awiei
Singing with your choir, family, or fellowship?
Share Hymn 160 (Asεmpa Bi Wɔ Hɔ A Ɛyε Dε) or copy the full lyrics.